COVID-19 MPƐNSƐNPƐNSƐMU BEA

Ɛkwan yi de wo bɛkɔ Ohio Apoomuden adwumakuo (Ohio Department of Health) tebea a w’ahyehye sɛ wɔbɛyɛ COVID-19 mpɛnsɛnpɛnsɛmu.

Ahyensoɔ a egyina hɔ ma Apoomuden Ayaresabea yɛ bibire ena ankorakora dwumakuo nso yɛ akokɔ sradeɛ.

Mmea bebiree a wɔtɔn nnuro ne aduane  nso tumi di saa dwuma yi bi.

Sɛ wobue website no a, hwɛ wonsa nifa so, na pia na ebebue ama w’ahu wo mansini ne Apoomuden Ayaresabea, na w’atumi afa nea ɛbɛn wo.

https://coronavirus.ohio.gov/wps/portal/gov/covid-19/testing-ch-centers/

Ɛnnkyɛ ɔbɛkyerɛ mpɛnsɛnpɛnsɛmu bea a ɛwɔ Cleveland mpɔtamu.

Yɛrehwe anim sɛ Ohio Manpanin de mmea bebiree bɛtodwa wɔ nanwɔtwe a ɛreba no mu.