Bɔ wo ne w’abusuafoɔ ho ban fi COVID-19 ho.

Ɛwom sɛ yɛnni ahyɛnsoɔ biara a ɛkyerɛ sɛ COVID-19 ɛka apemfoɔ wo akwan foforɔ so, na nea yenim ne sɛ, apemfoɔ tebea nti ema ɛkwan ba won ho ma nyarewa ne ahome nyarewa ka won dodoɔ nara kyɛn obiara onfaa yafunu.

Ne saa nti, sɛ wo nyinsɛn a, hwɛ wo ho so yie na w’anyare.

Wo betumi nso akyerɛkyerɛ wo mmofra w’akwan a wɔ be fa so da biara (te sɛ nea wo hohoro nsa ho) atena ahoɔden mu.

Sua social distancing.

  • Sɛ wo bɛ kɔ abontene a, mma wɔnnbɛn obi a oyare, na mmom ma ɛkwan kakra bɛ yɛ abasa mmienu (6 feet) ɛnna montɛm.

Hohoro wonsa mpɛn pii

Fa samina ne nsuo hohoro wo nsa bɛyɛ 20 sɛconds (boa mmɔfra nso na wɔnhohoro wɔn nsa), ne titiriw:

sɛ wo de wonsa ka abontensofoɔ ne mmofra.

  • sɛ wo de wonsa ka biribiara wo abontene so, anaa biribiara a wode bekɔ fie,
  • sɛ wokɔ agyananbea anaa sɛ wo sɛsa abofra diaper.
  • sɛ wo hwintsi anaa wo bɔ wa
  • sɛ wo de wonsa ka ɛnuoma a ayɛ fi.
  • Ansa na wo bɛ didi anaa wo bɛ nua aduane
  • Ansa na wo bɛ ma w’oba anufoɔ

Sɛ samina ne nsuo ni hɔ a, fa sanitizer a alcohol wɔ mu ɔha nkyɛmu aduosia (60% alcohol)

  • M’ɛnfa wonsa fi ɛnka w’ani, wohwene anaa w’ano.

Kata w’ano ne wo hwene

Sɛ wo bɔ wa anaa wo hwintsi a, fa tissue paper pepa na fa to dustbin mu na hohoro wo nsa.

Sɛ wo bɔ wa a, bɔ gu w’abatwe mu na hohoro wo nsa.

Siesie wo fie na si nuoma yie.

  • Siesie na pepa ɛnuoma a wo taa so mu (te sɛ phone, electronics, remote, kanea switch, apon na cabinets apon).
  • Si nuoma yie. Ɛfa no toys a wo be tumi asi no, fa nsuo hyeɛ kakara si na ma ɛnwo yie.

Mmofra, Awofoɔ ne Ahwefoɔ mask.

  • Center for Disease Control (CDC) ɛde ato dwa sɛ, obibiara w’adi mfie mienu de rekɔ no, sɛ opue kɔ abontene so a, ɔbɛhyɛ mask akata n’ano ne ne hwene
  • Mmofra a enii mfie mienu no, eni sɛ wohyɛ mask esane sɛ mask no betumi akata won hwene ama won ahwere won nkwa.
  • Obibiara a ne home entumi ngyina so yie no, mma onhyɛ mask no bi.
  • Mask hyɛ no rentumi ngyina hɔ mma social distancing, nsa hohoro ɛna daadaa banbɔ. Ebetumi abɔ woho ban afi COVID-19, na ɛbɛboa nso sɛ krommafoɔ nso ennya bi.

Ɔhaw a egyina hɔ ma wɔn a afa yafunu

Sɛ nea yenim fa COVID-19 ho no, apemfoɔ ne wɔn a enfaa yafunu nyinaa betumi anya saa virus yi bi. Bebree na yennim. Nea yenim nso ne sɛ, apemfoɔ betumi anya nyarewa a anoɔden te sɛ nyarewa a etumi ka ahome te sɛ influenza.

Ɔhaw a egyina hɔ ma apemfoɔ ne mmofraa ɛwɔ yafunmu

Bebree na yennim fa ɔhaw a COVID-19 betumi de ama apemfoɔ ne mmofra a ɛwɔ yafunmu.

  • Yenngye ndi sɛ ɛna a w’anya COVID-19 betumi de asane neba a ɔwɔ yafunmu.
  • Na emom ahwefoɔ, amaamefoɔ ɛna obiara a ɔyare no, sɛ ɔben abɔfra a y’awo no a, abɔfra no betumi anya bi.
  • Besi nne mmɔfra tɔtɔfeefeewa a anya COVID-19 no sua, Yennim nso sɛ wonyaa ye ansa na woreba wiasɛ anaa sɛ wonyaa no wɔ yafunmu.

Ɔhaw kakra tesɛ awoɔ ne bere a anso abedaadi wɔ mmɔfra a wɔn mmame nom anya yare

  • COVID-19 wɔ wɔn nyinsɛn bere mu. Na mmon yennim sɛ saa ɔhaw yi fa (virus) yare yi aboa no ho.
  • Yinsɛn ayaresabea ne awoɔ akyi haw wo saa COVID-19 a ate atesɛ.
  • Ɛho hia sɛ wobɛhwɛ wo ne wo ba yie bere a wonyem ne wa woɔ mu.
  • Afei hwɛ yie sɛ wo mbu w’ani ngu nna a wahyehyɛ ama wo sɛ behu apomuden hwefoɔ nursɛs ne dokitafoɔ.
  • Abere nyinaa mu, hwe sɛ wo de apomuden nhyehyɛyɛ a wode ama wo bɛyɛ adwuma.
  • Sɛ wowɔ ɔhaw bi a frɛ apomuden nhyehyɛyɛfoɔ no. Hwɛ sɛ wo nsɛi bere na gye w’ayaresa wo COVID-19 ho.
  • Vaccine anaa aduro a ɔde bewɔ saa yare COVID-19. sɛ worewo ewɔ saa yare yi bere mu a, hwɛ sɛ apomudenfoɔ a w’aben adwuma no mu bɛboa wo.
  • Nufusuoma kotia nyarewa bebree na ɛno na ɛboa mmofra a wonni bi.
  • Sɛisɛi yennim mmaatan dodoɔ a ɛwɔ saa COVID-19 yi bi a wobetumi de ayɛ won mma mmere a worema won nnufusuo.
  • Nyinasoɔ biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ saa yare yi betumi atrɛ afi nufusuo mu. Sɛ wowɔ COVID-19 yi bi na wopesɛ woma w’oba nnufuo a kaka w’ano, hohoro wo nsa abere biara a wobɛma no bi.
  • Bio nso sɛ wowɔ COVID-19 na wopesɛ wo ma wo ba nufusuo a, hohoro wo nsa, kaka w’ano ansa na w’asɔ nufusuo toa anaa pomp no mu.
  • Mpo sɛ ebetumi a anka ma apomudeni anaa obi a yasiesie no apomuden adwuma ho mfa nufusuo ma abofra no.

COVID-19 ne mmofra

  • Mpren piii , saa COVID-19 yare yi kwan a ɛnam so yɛ mmofra no nnaa di. Nhwehwemu rekɔ so.
  • Saa bere yi de, COVID-19 ye mpaninfoɔ paa. Nhwehwɛ mu ne nsɛm a ennam apomduden kasafoɔ no kyere sɛ mmofra a w’onnyaa afe baako no ma wo wo nyarewa, tumi nya saa COVID-19 yi bi sɛn mmofra a aka no.

Akodiawuo yare a wↄfre no Covid-19

Yare foforo a aba a atow apansan wiasɛ nyinaa a wofre no covid-19 no, sꜪ Ꜫka mofra a ano nnyeden. Nea ɛma yɛn hu sɛ w’anya yare no bi ne sɛ, wo nya huraye nini, ↄpepum Ꜫne Ꜫwa. Mmofra bi nso tumi nya ꜪfeꜪ Ꜫne yamtuo. Mmofra a wↄyare dada te sꜪ ahrawa mu yare, Ntehyewa a ꜪyꜪ koankↄ, Akoma yare 3ne won a won apow mu nnyeden no erentumi ngyina abaafo yare a yefrꜪ no covid-19 no ano. sɛ eba no mpofrim sɛ wo nya saa yaredom yi a fre ahomatorofo so ewo 911 anaasɛ ko ayaresabea ntem ara. M’ɛntwentwenso sɛ wode w’abofra a w’anya huraye kodiewuo covid 19 beko ayaresabea. sɛ wode no ko ayaresabea wɔn a w’akwadare wɔ yaredom mu hwehwɛbea mu no betumi aboa no.

Mere pii yɛnfoa so sꜪ wode akatanim bɛkata nkokoa w’awo won fofro anim ɛmmoa wɔn. Akata anim a yɛde hyɛ nkokoa no tumi si nkokoa no home kwan.

SꜪ wo de wo ba ko hunu Dokita mere ne mere ano

Ꜫhohia sɛ wo de wo ba bɛkɔ ako hunu Dↄkita na y’ahwɛ no. Enkakane sɛ wo ba a oyɛ tɔtɔfeewa ɛwosɛ Dↄkita hwɛ wo ɛne abɔfra no sꜪnea ɛbɛyɛ a Dokita no bɛhwɛ abofra no adidie, huraye, ne mogya, ɛne abofra no mpomden. Ebio, ɔsan hwɛ sɛ akokoa n’aso te asɛm, n’aposu titiriw no nyinaa ye pɛpɛɛpɛ. Mpanin wo ɛhohia sɛ mpaniɛ a yɛwo mofra ansa na wɔn adi mfie mienu no, yɛ wɔ abofra biara efirisɛ mpanie yi bↄ mmofra yi ho ban firi nyarewa ahodoɔ a etumi kum mofra yi. Ɛwomu sɛ yare akodia wuo Covid-19 no, nni aduro a yɛdi siano kwan die, nanso yare ahorow mpanie a ye wɔ mofra no boa mofra apowmu den yiye. Yare a ato apansan wiasɛ nyinaa Covid-19 wo nsunsanesoɔ bebree ma nipa pii abrabo. Ebinesɛ atetee Ꜫne kodanna haw mofra ne mpanyinfoɔ. Nea yebetumi ayↄ ama nipa anya akokoduro agyina Covid- 19. Ꜫnesɛ yen ne yen mmofra benya kasakyerɛ na ya kyerɛkyerɛ won yare no ho nimdiɛ sɛnea wobetumi ateaseɛ. Eyi bɛ boa mmofra ne mpanyinfoɔ nyinaa.

Aduro wo hↄ ma apemfoɔ a won werɛ ahow. Afei nso awoakyi yare tesꜪ awerɛhoɔ ne adwenemu ka nso nye na. sɛ wo nya awoakyi awerɛhoɔ/adwenemu ka a ɛhohia sɛ wo bɛ ma wo Dokita aso ate ntɛm ara. Dↄkita no betumi ahwɛ wo ma wo ho atↄ wo.