Nnansa yi ara na United States Customs na Immigration Services (USCIS) ɛde DACA nhyehyeɛ a Supreme Court de ne nsa hyɛɛ aseɛ December 4 2020. 

USCIS ebe firi aseɛ wɔ December 8, 2020, agye nea edidi so yi: 

  • Wɔbegye adikanfoɔ a wɔde wɔn DACA abisadeɛ kɔe ansa na September 5, 2017 DACA nhyehyeɛ no reba mu. 
  • Wɔbe fri aseɛ agye DACA abisadeɛ fofro ansa na September 5, 2017 DACA nhyehyeɛ no rebamu. 
  • Wobe fri aseɛ agye DACA abisadeɛ a ɛfa bɔnefakyɛ nkrataa ho, sɛ nea DACA nhyenhyeɛ a wotimtim yɛ ansa na September 5, 2017 nhyehyeɛ no reba mu. 
  • Wobɛ pene so atwe DACA nhyehyeɛ no bi afri afe baako akɔ mfie mmienu 
  • Wobɛ pene so atwe DACA adwuma nkrataa nhyehyeɛ no afri afe baako akɔ mfie mmienu

Wobehu DACA ho nsɛm ne senea wobetumi de w’abisadeɛ akɔ wɔ: https://www.uscis.gov/i-821d 

Wɔn a wɔsɛ fata DACA, ɛne wɔn a: 

  1. Wɔ June 15, 2012, na wonii mfie 31. 
  2. Wɔbaa United States ansaa na woredi mfie 16. 
  3. Wɔn a w’atena United States firi June 15, 2007, besi nnɛ. 
  4. Wɔn a na wɔte USA wɔ mmere a wɔde wɔn abisadeɛ no kɔe wɔ June 15, 2012. 
  5. Wɔn a wɔ June 15, 2012, na wɔnni mmara kwan sɛ wɔtena USA. 
  6. Wɔn a wɔkɔ skuu, w’awie skuu anaa wɔwɔ abodin krataa, anaa GED adansedie krataa anaa wɔn a akɔ soja da. 
  7. Wɔn a wonnyɛɛ bɔne keseɛ, a wɔntoo mmara mprɛnsa na wɔn nhunahuna ɔman anaa amansan.